-
Luka 3:2-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfo mpanyin. Saa bere no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ sare so.+
3 Enti ɔkɔɔ nkurow a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ 4 sɛnea wɔakyerɛw no odiyifo Yesaia nhoma mu sɛ: “Obi reteɛm wɔ sare so sɛ, ‘Munsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.+ 5 Momma abon nyinaa nyɛ ma, na munnwiriw mmepɔw ne nkoko nyinaa ngu fam; akwan a akyea no, momma ɛnyɛ tee, na momma akwan a ɛyɛ mmonkyemmɔnka nyɛ toromtorom; 6 na ɔhonam nyinaa* behu Onyankopɔn nkwagye.’”*+
-