Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 4:1-10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Afei honhom no de Yesu kɔɔ sare so maa Ɔbonsam+ kɔsɔɔ no hwɛe.+ 2 Bere a ɔkyen kɔm* nnafua 40 awia ne anadwo wiei no, ɔkɔm dee no. 3 Na Ɔsɔhwɛfo+ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ abo yi ma ɛnnan paanoo.” 4 Nanso obuaa no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa* anom+ nso.’”

      5 Ɛnna Ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron+ no mu, na ɔde no kogyinaa asɔredan no atifi,*+ 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfo,’ na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem ɔbo.’”+ 7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+

      8 Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.+ 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+

  • Luka 4:1-13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Ɛnna Yesu a honhom kronkron ahyɛ no ma no dan ne ho fii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ sare so+ 2 nnafua 40, na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe.+ Wanni hwee saa bere no, enti bere a nnafua 40 no baa awiei no, na ɔkɔm de no. 3 Ɛnna Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ ɔbo yi ma ɛnnan paanoo.” 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase.’”+

      5 Enti Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no asaase so ahenni nyinaa prɛko.+ 6 Na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho anuonyam bɛma wo, efisɛ wɔde ama me,+ na obiara a mepɛ no, mede ma no. 7 Enti sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede ne nyinaa bɛma wo.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+

      9 Afei ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem kogyinaa asɔredan no atifi,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho fi ha kɔhwe fam,+ 10 efisɛ wɔakyerɛw sɛ, ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfo sɛ wɔmmɛbɔ wo ho ban,’ 11 na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem ɔbo.’”+ 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+ 13 Enti bere a Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kosii bere foforo a ɛfata.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena