Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Luka 4:31-37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Na osian kɔɔ Kapernaum, Galilea kurow bi mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Homeda,+ 32 na ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no yɛɛ wɔn nwonwa,+ efisɛ ɔde tumi na ɛkasae. 33 Ná ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ no so, na ɔteɛɛm denneennen sɛ:+ 34 “Adɛn! Nasaretni+ Yesu, dɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobae sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ+ no.” 35 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na fi ne mu kɔ.” Enti honhom fĩ no maa ɔbarima no twa hwee wɔn mfinimfini, na ofii ne mu kɔe a wanyɛ no hwee. 36 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa, na wofii ase keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Asɛm bɛn ni? Ɔde tumi ne ahoɔden hyɛ ahonhom fĩ ma wopue kɔ!” 37 Enti ne ho asɛm trɛw kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu baabiara.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena