-
Mateo 16:5-12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Na asuafo no twa kɔɔ asuogya, na wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa paanoo.+ 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, na monhwɛ yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw* ho.”+ 7 Enti wofii ase dwinnwen ho kae sɛ: “Yɛamfa paanoo biara.” 8 Yesu huu saa no, ɔkae sɛ: “Adɛn nti na morekeka sɛ moamfa paanoo, mo a mo gyidi sua? 9 Enti munnya ntee ase? Mo werɛ afi paanoo anum a yɛde maa nnipa 5,000 ne nkɛntɛn dodow a mosesawee no?+ 10 Anaa paanoo ason a yɛde maa nnipa 4,000 ne nkɛntɛn akɛse dodow a mosesawee no, monkae?+ 11 Adɛn nti na munhu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na meka kyerɛɛ mo? Mmom no, monhwɛ yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.”+ 12 Ɛnna wohui sɛ ɛnyɛ paanoo mmɔkaw na ɔkae sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ ho, na mmom Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ.
-