7 Efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom,+ na mmom ɔmaa yɛn tumi+ ne ɔdɔ ne adwene a emu da hɔ honhom. 8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade ho adansedi+ no ho, na me a Awurade nti meyɛ ɔdeduani no nso, mma w’ani nnwu me ho. Mmom, fa wo ho to Onyankopɔn tumi so,+ na nsuro sɛ asɛmpa no nti wubehu amane.+