27 Ɛnna Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraase. Bere a wɔnam kwan so no, ofii ase bisaa n’asuafo no sɛ: “Nkurɔfo se mene hena?”+ 28 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ ebinom se Elia,+ ɛnna ebinom nso se adiyifo no mu baako.”