13 Nanso ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakaria, nsuro, efisɛ wɔatie wo nkotosrɛ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.+
17 Afei nso, ɔde Elia honhom ne ne tumi bedi Onyankopɔn anim,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdan agyanom koma aba mma so,+ ne asoɔdenfo aba atreneefo nyansa ho, na wasiesie nkurɔfo bi ama Yehowa.”*+