-
Mateo 18:1-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Saa bere no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisae sɛ: “Hena paa na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu?”+ 2 Enti ɔfrɛɛ abofra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfinimfini. 3 Ɛnna ɔkae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moansakra* anyɛ sɛ mmofra nkumaa+ a, morenkɔ ɔsoro Ahenni no mu da.+ 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abofra kumaa yi no, ɔno na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu,+ 5 na obiara a obegye abofra kumaa a ɔte sɛɛ me din mu no, na wagye me nso.
-
-
Luka 9:46-48Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
46 Na akyinnye bi sɔree wɔn mu sɛ, hena na ɔyɛ ɔkɛse wɔ wɔn mu?+ 47 Bere a Yesu huu nea wɔredwen ho wɔ wɔn koma mu no, ɔfaa abofra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛn, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a obegye abofra kumaa yi me din mu no, na wagye me nso; na obiara a obegye me no, na wagye Nea ɔsomaa me no nso.+ Na nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.”+
-