-
Mateo 20:17-19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Afei bere a wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem no, Yesu de asuafo 12 no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 18 “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no.+ 19 Na wobeyi no ama amanaman mufo ama wɔadi ne ho agoru. Afei wɔbɛbɔ no mmaa, na wɔabɔ no asɛndua mu;+ na da a ɛto so abiɛsa no, wobenyan no.”+
-
-
Luka 18:31-33Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 Afei ɔde Dumien no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na nea wɔnam adiyifo no so akyerɛw afa onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu.+ 32 Ebi ne sɛ, wobeyi no ama amanaman mufo+ ama wɔadi ne ho agoru,+ na wɔayeyaw no, na wɔatetew ntasu agu no so.+ 33 Na sɛ wɔbɔ no mmaa wie a, wobekum no,+ na da a ɛto so abiɛsa no, obenyan.”+
-