-
Luka 22:3-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Ɛnna Satan wuraa Yuda mu, nea wɔfrɛ no Iskariot a na ɔka Dumien no+ ho no, 4 na ɔkɔɔ asɔfo mpanyin no ne asɔrefi ahwɛfo no hɔ, na ɔne wɔn kɔkaa ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn no+ ho asɛm. 5 Wɔn ani gyee ho paa, enti wɔpenee so sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ 6 Ɛnna ogye toom, na ofii ase hwehwɛɛ bere a ɛfata a ɔde beyi no ama wɔn, bere a nnipadɔm biara nni hɔ.
-