-
Mateo 26:17-19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Da a edi kan a wodi Paanoo a Mmɔkaw* Nnim+ no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisae sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wudi Twam no?”+ 18 Ɔkae sɛ: “Monkɔ Asiamasi nkyɛn wɔ kurow no mu nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfo no se: “Me bere abɛn; me ne m’asuafo bedi Twam no wɔ wo fi.”’” 19 Na asuafo no yɛɛ sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoe.
-