26 “Nnawɔtwe 62 no akyi no, wobekum Mesia no,+ na ne ho biribiara renka.+
“Na ɔkannifo bi bɛba, na ne nkurɔfo bɛsɛe kurow no ne kronkronbea no.+ Na kronkronbea no awiei bɛba sɛ nsuyiri. Akodi bɛkɔ so akosi sɛ awiei no bedu; nea wɔahyɛ ato hɔ ne ɔsɛe.+