-
Mateo 11:21-23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
21 “Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ anwonwade a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afurafura awerɛhow ntama* atenatena nsõ mu+ dedaadaw. 22 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, nea ɛbɛto mo Atemmu Da no, ɛbɛkyɛn Tiro ne Sidon.+ 23 Na wo Kapernaum,+ wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Ɔdamoa* mu na wubesian akɔ;+ efisɛ anwonwade a wɔyɛe wɔ wo mu no, sɛ wɔyɛe wɔ Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi.
-