10 Saa nkwagye yi, adiyifo a wɔhyɛɛ adom a mubenya ho nkɔm no bɔɔ mmɔden pɛɛpɛɛ mu, na wɔhwehwɛɛ mu kɔɔ akyiri.+ 11 Ná honhom a ɛwɔ wɔn mu no adi adanse sɛ Kristo behu amane+ na akyiri yi wɔahyɛ no anuonyam. Enti wɔkɔɔ so hwehwɛɛ mu hwɛɛ nea ɛbɛto Kristo ne bere a nsɛm no besisi.+