25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpae a, biribiara a obiara ayɛ mo no, momfa nkyɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso bɛkyɛ mo.”+
32 Mmom no, obiara nna ayamye adi nkyerɛ ne yɔnko, nnya ayamhyehye+ mma ne yɔnko, na munyi mo yam mfa mo yɔnko bɔne nkyɛ no, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so yii ne yam de mo bɔne kyɛɛ mo+ no.
13 Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a,+ ɔnkɔ so nnya ne ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.+ Sɛnea Yehowa* ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.+