Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 12:38-42
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 38 Ɛnna akyerɛwfo ne Farisifo binom ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.”+ 39 Ɔmaa wɔn mmuae sɛ: “Awo ntoatoaso abɔnefo ne awaresɛefo* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.+ 40 Na sɛnea Yona dii apataa kɛse no yam nnansa, awia ne anadwo no,+ saa ara na onipa Ba no bedi asaase yam* nnansa, awia ne anadwo.+ 41 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awo ntoatoaso yi bɛsɔre atemmu bere mu, na wobebu awo ntoatoaso yi fɔ, efisɛ asɛm a Yona kae no ma wɔsakrae.+ Nanso hwɛ! nea ɔsen Yona wɔ ha.+ 42 Wobenyan anaafo fam hemmaa ne awo ntoatoaso yi aba atemmu no mu, na obebu wɔn fɔ, efisɛ ofi asaase ano betiee Solomon nyansa.+ Nanso hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.+

  • Mateo 16:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Awo ntoatoaso abɔnefo ne awaresɛefo* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara,+ gye Yona sɛnkyerɛnne no.”+ Ɛnna ogyaw wɔn hɔ kɔe.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena