Mateo 24:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Eyi nti, mo nso monyɛ krado,*+ efisɛ bere* a monhwɛ kwan na onipa Ba no bɛba. Mateo 25:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “Enti monkɔ so nwɛn,+ efisɛ munnim da anaa bere* no.+ Adiyisɛm 3:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Enti kɔ so kae nea woanya ne nea woate, na kɔ so di so, na sakra.+ Na sɛ woannyan a, mɛba sɛ ɔkorɔmfo,+ na bere* ko a mɛba wo so no, worenhu da.+
3 Enti kɔ so kae nea woanya ne nea woate, na kɔ so di so, na sakra.+ Na sɛ woannyan a, mɛba sɛ ɔkorɔmfo,+ na bere* ko a mɛba wo so no, worenhu da.+