23 Ɛnna Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛbɛyɛ den paa ama asikafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no nwonwa. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mma, monhwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!
9 Na wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ asikafo no de, wɔtɔ sɔhwɛ ne afiri+ ne nkwasea akɔnnɔ bebree a epira nnipa no mu; na ɛno de nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.+