-
Mateo 19:28, 29Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, bere a wɔayɛ nneɛma foforo a onipa Ba no te n’anuonyam ahengua so no, mo a mudi m’akyi yi bɛtena nhengua 12 so abu Israel mmusuakuw 12 no atɛn.+ 29 Na obiara a me din nti, wagyaw adan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho pii, na wanya daa nkwa.+
-
-
Marko 10:29, 30Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 Yesu kae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara nni hɔ a wagyaw ɔdan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa maame anaa papa anaa mma anaa nsaase, me ne asɛmpa no nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho 100 saa bere yi. Obenya adan ne nua mmarima ne nua mmea ne maamenom ne mma ne nsaase, na wɔbɛtan n’ani+ aka ho, na wanya daa nkwa wɔ wiase* a ɛreba no mu.
-