Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 20:29-34
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Bere a wɔrefi Yeriko no, nnipadɔm pii dii n’akyi. 30 Na hwɛ! anifuraefo baanu bi a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 31 Ɛnna nnipadɔm no teɛteɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ dinn; nanso afei koraa na wɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” 32 Enti Yesu gyinae, na ɔfrɛɛ wɔn kae sɛ: “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” 34 Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa wɔn ani.+ Na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.

  • Marko 10:46-52
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 46 Na wɔbaa Yeriko. Na bere a ɔne n’asuafo no ne nnipadɔm bi refi Yeriko no, na Bartimeo (Timeo ba), onifuraefo a ɔsrɛsrɛ ade no te kwankyɛn.+ 47 Bere a ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu, Nasaretni no, ofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Yesu, Dawid Ba,+ hu me mmɔbɔ!”+ 48 Ɛnna nnipa pii fii ase teɛteɛɛ no sɛ ɔnyɛ dinn. Nanso afei koraa na ɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 49 Enti Yesu gyinae, na ɔkae sɛ: “Momfrɛ no mma me.” Na wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka wo koma to wo yam! Sɔre; ɔrefrɛ wo.” 50 Ɛnna ɔtow n’ataade gui, na ɔsɔre kɔɔ Yesu nkyɛn. 51 Na Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabuni,* ma minhu ade.” 52 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ. Wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ Na ntɛm ara ohuu ade,+ na ofii ase dii n’akyi wɔ kwan no so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena