Mateo 25:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “Enti monkɔ so nwɛn,+ efisɛ munnim da anaa bere* no.+ Marko 13:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn,+ efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.+ 1 Korintofo 16:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Monkɔ so nwɛn,+ munnyina pintinn wɔ gyidi no mu,+ monkɔ so sɛ mmarima,*+ monyɛ den.+ 1 Petro 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mo ani nna hɔ na monwɛn!+ Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom, na ɔrepɛ obi akyere no awe.+