Deuteronomium 4:11, 12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Enti mubegyinaa bepɔw no ase, na ogya dɛwee wɔ bepɔw no so kɔɔ wim,* na esum ne omununkum kumɔnn bae, na wim yɛɛ kusuu.+ 12 Na Yehowa fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu obiara;+ ɛnne kɛkɛ na motee.+ Yohane 1:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Onipa biara nhuu Onyankopɔn da;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no nkyɛn*+ no, ɔno na wakyerɛ sɛnea Agya no te.+ Yohane 6:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Ɛnyɛ sɛ onipa bi ahu Agya no;+ nea ofi Onyankopɔn hɔ no, ɔno nko ara na wahu Agya no.+
11 “Enti mubegyinaa bepɔw no ase, na ogya dɛwee wɔ bepɔw no so kɔɔ wim,* na esum ne omununkum kumɔnn bae, na wim yɛɛ kusuu.+ 12 Na Yehowa fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu obiara;+ ɛnne kɛkɛ na motee.+
18 Onipa biara nhuu Onyankopɔn da;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no nkyɛn*+ no, ɔno na wakyerɛ sɛnea Agya no te.+