Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 14:19-21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa sare no so. Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei obubuu paanoo no mu kyekyɛ maa asuafo no, na asuafo no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Enti wɔn nyinaa didi mee. Na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama.+ 21 Wɔn a wodii aduan no bɛyɛ mmarima 5,000; wɔankan mmea ne mmofra nkumaa no anka ho.+

  • Marko 6:39-44
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 39 Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa sɛ wɔntenatena sare mono no so akuwakuw.+ 40 Na wɔtenatenaa ase akuwakuw; ná ebi yɛ 100, ɛnna ebi yɛ 50. 41 Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei obubuu paanoo no mu, na ofii ase de maa asuafo no sɛ wɔmfa mma nkurɔfo no; na obubuu mpataa abien no mu maa wɔn nyinaa. 42 Enti wɔn nyinaa didi mee. 43 Na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama; ná mpataa no nka ho.+ 44 Wɔn a wodii paanoo no dodow yɛ mmarima 5,000.

  • Luka 9:14-17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Nea ɛte ne sɛ, na nnipa a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ mmarima 5,000. Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma wɔntenatena ase akuwakuw; kuw biara mu nnipa nyɛ bɛyɛ 50.” 15 Na wɔyɛɛ saa maa wɔn nyinaa tenatenaa ase. 16 Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, na ohyiraa so. Afei obubuu mu, na ofii ase de maa asuafo no sɛ wɔmfa nsisi nnipadɔm no anim. 17 Enti wɔn nyinaa didi mee, na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, wonyaa nkɛntɛn 12.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena