23 Saa ɔbarima yi na woyii no mae. Ná Onyankopɔn abɔ ne tirim wɔ ho, na na onim dedaw sɛ saa ara na ɛbɛba.+ Ɔbarima yi na monam mmaratofo so bɔɔ no asɛndua mu na mukum no no.+ 24 Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu+ de gyee no fii owu yaw mu, efisɛ na owu rentumi nkyekyere no.+