8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre, na yɛ bi sɛn dua so. Na sɛ ɔwɔ ka obi a, ɔmma n’ani so nhwɛ nea ɛsɛn hɔ no na onnya nkwa.” 9 Ɛhɔ ara na Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ de sɛn dua so.+ Na bere biara a ɔwɔ bɛka obi no, na wahwɛ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ no, na wanya nkwa.+