Yohane 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ná nokware hann a ɛhyerɛn ma nnipa ahorow nyinaa no rebɛba wiase.+ Yohane 8:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Obiara a odi m’akyi no rennantew sum mu da, mmom obenya nkwa hann.”+ Yohane 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Bere tenten a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann.”+ Yohane 12:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Maba sɛ hann wɔ wiase,+ na obiara a ogye me di no antena sum mu.+
8 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Obiara a odi m’akyi no rennantew sum mu da, mmom obenya nkwa hann.”+