18 Nanso Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo bi fii ase ne no gyee akyinnye. Ebinom kae sɛ: “Dɛn koraa na kasatenten wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ?” Ɛnna ebinom nso kae sɛ: “Gyama ɔyɛ obi a ɔka anyame foforo ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ, na Paul reka Yesu ne owusɔre ho asɛmpa no.+