-
Asomafo Nnwuma 19:9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Nanso ebinom pirim wɔn koma, na wɔannye anni, na wɔkekaa Ɔkwan No+ ho nsɛmmɔne wɔ nnipadɔm no anim. Enti ɔtwee ne ho fii wɔn ho,+ na ɔde asuafo no kaa ne ho kɔe.* Na da biara, na ɔka asɛm wɔ Tirano sukuu dan no mu. 10 Eyi kɔɔ so mfe abien. Enti wɔn a wɔte Asia mpɔtam nyinaa, kyerɛ sɛ, Yudafo ne Greecefo nyinaa, tee Awurade asɛm no.
-