-
Luka 24:46-48Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
46 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea wɔakyerɛw ni: Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no wasɔre afi awufo mu,+ 47 na ne din na wobegyina so aka akyerɛ amanaman+ nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn;+ Yerusalem na wobefi ase afi.+ 48 Mo na mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefo.+
-