12 Adɔfo, mommma sɔhwɛ a morefa mu a ɛma mo ho hyehye mo no nnyɛ mo nwonwa+ te sɛ nea biribi a ɛyɛ hu bi na ato mo. 13 Mmom no, monkɔ so mma mo ani nnye+ sɛ munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa,+ na sɛ woyi n’anuonyam nso adi a, mo ani agye adi ahurusi.+