-
Filipifo 1:18-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Dɛn na afi mu aba? Ɛno ara ne sɛ akwan nyinaa mu no, sɛ nnaadaa na wɔde yɛ oo, nokwaredi na wɔde yɛ oo, wɔrebɔ Kristo ho dawuru, na midi eyi ho ahurusi. Na mɛkɔ so adi ho ahurusi, 19 efisɛ minim sɛ eyi bɛma manya nkwa esiane mo nkotosrɛ+ ne Yesu Kristo honhom+ nti. 20 Ɛno na mehwɛ kwan denneennen na m’ani da so, na minim sɛ m’ani renwu ɔkwan biara so, na mmom sɛnea akɔ so abesi nnɛ no, nkwa mu oo, owu mu oo, menam me nipadua so de akokoduru bɛkamfo Kristo.+
-