38 “Enti anuanom, munhu sɛ, oyi na yɛnam no so reka bɔnefakyɛ ho asɛm akyerɛ mo,+39 na munhu sɛ, nneɛma a wɔantumi amfa Mose Mmara+ so ammu mo bem wɔ ho no, wɔnam oyi so abu obiara a ogye di no bem wɔ ho.+
14 Sɛ saa a, ɛnde Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho maa Onyankopɔn sɛ afɔre a dɛm nni ho no, hwɛ sɛnea ne mogya+ betumi atew yɛn ahonim* ho afi nnwuma funu ho+ na yɛatumi de ɔsom kronn ama Onyankopɔn teasefo no!+