-
Romafo 1:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Na m’ani nwu asɛmpa no ho;+ nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa,+ Yudani na odi kan,+ na afei Greeceni adi hɔ.+ 17 Efisɛ wɔn a wɔwɔ gyidi no hu sɛ, Onyankopɔn nam asɛmpa no so yi ne trenee adi, na ɛno ma wɔn gyidi yɛ den,+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɔtreneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa.”+
-