-
Hebrifo 5:12-14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Saa bere yi de, anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo. Nanso, moda so ara hia obi a ɔbɛsan afi ase akyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron a mudii kan suae no.*+ Moatew kɔ mo akyi abɛyɛ nnipa a wohia nufusu, ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. 13 Na obiara a ɔkɔ so ara num nufu no, onnim trenee asɛm no, efisɛ ɔyɛ abofra ketewa.+ 14 Na aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔanyin no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma ma enti wɔatete no ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe no.
-