6 Sɛ sɔhwɛ* to yɛn a, mo awerɛkyekye ne mo nkwagye ntia; na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, mo awerɛkyekye ntia; ɛno na ɛboa mo ma mutumi gyina ɔhaw a yɛn nso yehyia bi no ano.
24 Afei ɛmfa ho sɛ merehu amane ma mo+ no, meredi ahurusi. Na mihu sɛ amanehunu a Kristo nipadua no fã a meyɛ,+ kyerɛ sɛ, asafo no+ fã a meyɛ nti ɛsɛ sɛ mefa mu no, ennya nnii mu.
8 Esiane sɛ na yɛpɛ mo asɛm paa nti, yɛyeree yɛn ho* kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yekum yɛn ho* nso maa mo,+ efisɛ na yɛdɔ mo paa.+
17 Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no+ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn,+ efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo* so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa;+ ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu,* anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.