8 Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka, gye ɔdɔ a mode bɛdodɔ mo ho;+ efisɛ obiara a ɔdɔ ne yɔnko no adi mmara no so yiye.+ 9 Na mmara nsɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe aware,+ nni awu,+ mmɔ korɔn,+ mma w’ani mmmere ade,”+ ne mmara asɛm foforo biara a ɛwɔ hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ asɛm yi mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+