3 Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborɔhunu nti onyan Yesu Kristo fii awufo mu,+ na ɔnam so awo yɛn foforo+ kɔ anidaso a nkwa wom+ mu, 4 na ama yɛanya agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe.+ Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo;+