6 Ɛyɛ ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔw so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe sɛ ɛnyɛ afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew ma Yehowa, 7 ne nsã hin nkyem anan mu baako a wɔde bɔ ɛho nsã afɔre ka odwennini kumaa biara ho.+ Munhwie nsã a ɛbow no ngu kronkronbea hɔ mfa mmɔ nsã afɔre mma Yehowa.