-
Genesis 27:27-29Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Enti otwiw bɛn no, na ofew n’ano, na ɔtee n’ataade mu hua.+ Ɛnna ohyiraa no sɛ:
“Hwɛ, me ba ho hua te sɛ afuw a Yehowa ahyira so hua. 28 Nokware Nyankopɔn no mma wo ɔsoro bosu+ ne asaase pa+ ne hwiit* ne bobesa foforo+ bebree. 29 Ma aman nsom wo, na amanaman nkotow wo. Di wo nuanom so, na wo maame yam mma nkotow wo.+ Nnome nka obiara a ɔbɛdome wo, na nhyira nka obiara a obehyira wo.”+
-