Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yohane 1:12, 13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na wɔn a wogyee no no, ɔmaa wɔn nyinaa kwan sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn mma,+ efisɛ wogyee ne din dii.+ 13 Na ɛnyɛ mogya anaa nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ so na wɔnam woo wɔn, na mmom efi Onyankopɔn.+

  • Romafo 8:28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 Yenim sɛ Onyankopɔn ma ne nnwuma nyinaa bom di boa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn, wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛnea n’atirimpɔw te no;+

  • Efesofo 1:13, 14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na mo nso bere a motee nokware no, kyerɛ sɛ, mo nkwagye ho asɛmpa no, munyaa anidaso wɔ ne mu. Bere a munyaa ne mu gyidi no, wɔnam no so de honhom kronkron a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛba no hyɛɛ mo nsow.+ 14 Saa honhom no yɛ agyapade a yɛn nsa bɛka daakye no ho adanse a edi mu.*+ Nea enti a wɔahyɛ mo nsow ne sɛ, ɛbɛma Onyankopɔn ankasa nkurɔfo*+ anya ogye,+ na ɛde ayeyi ne anuonyam abrɛ no.

  • 2 Tesalonikafo 2:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Nanso, anuanom a Yehowa* dɔ mo, yehu sɛ mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ Onyankopɔn paw mo+ fii mfiase sɛ mummenya nkwagye. Ne honhom a ɔde tew mo ho,+ ne gyidi a mowɔ wɔ nokware no mu no, ɛno na ɔnam so paw mo.

  • 1 Petro 1:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Na wɔawo mo foforo,+ nanso ɛnyɛ aba* a ɛporɔw mu, na mmom nea ɛmporɔw+ mu, na ɛnam Onyankopɔn teasefo a ɔte hɔ daa no asɛm so.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena