Mateo 21:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidi a, mo nsa bɛka.”+ Hebrifo 11:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Bio nso, sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye, efisɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.+
6 Bio nso, sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye, efisɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.+