Hiob
8 Ɛnna Bildad+ a ofi Suha+ no kae sɛ:
2 “Wobɛkeka saa nsɛm yi akosi da bɛn?+
W’anom nsɛm te sɛ mframa a ano yɛ den!
3 Wohwɛ a, Onyankopɔn bɛkyea atemmu?
Na ade nyinaa so Tumfo no bɛkyea atɛntrenee anaa?
4 Sɛ wo mma no yɛɛ no bɔne a,
Wɔn atuatew ho asotwe na ɔde ama wɔn no.*
5 Sɛ wode w’ani to Onyankopɔn so,+
Na wosrɛ ade nyinaa so Tumfo no sɛ onhu wo mmɔbɔ,
6 Sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ woyɛ obi a wo ho tew na woteɛ a,+
Anka watwa n’ani abɛhwɛ wo,*
Na wama woasan asi wo dedaw mu.
8 Mepa wo kyɛw, bisa awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no,
Na ma nneɛma a wɔn papanom hwehwɛ hui no ho nhia wo.+
9 Yɛn de, nnɛra yi ara na wɔwoo yɛn, na yennim hwee,
Efisɛ yɛn nna wɔ asaase yi so te sɛ sunsuma.
11 Wohwɛ a, sɛ mmɛw* annya asaase a nsu taa so* a, ebetumi anyin ayɛ tenten?
Demmire* betumi anyin ayɛ tenten wɔ baabi a nsu nni anaa?
13 Saa na ebewie wɔn a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa,*
Efisɛ abɔnefo* anidaso bɛyera,
14 Wɔde wɔn ho to adehunu so,
Na ade a wɔde wɔn werɛ hyɛ mu no, ɛyɛ mmerɛw te sɛ ananse ntentan.*
15 Obetweri ne dan, nanso ɛrennyina;
Obeso mu denneennen, nanso ɛrennyina.
18 Nanso sɛ wotu no fi baabi a esi a,
Baabi a na esi no bɛka sɛ ennim no, na aka akyerɛ no sɛ, ‘Minhuu wo da.’+
20 Wɔn a wɔn abrabɔ di mu* no, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn bɛpo wɔn da,
Na abɔnefo nso, ɔremmoa wɔn da,*
21 Ɔde ɔserew bɛhyɛ w’anom ma,
Na wama wode w’ano abɔ ose.
22 W’atamfo befura animguase sɛ ntama,
Na abɔnefo ntamadan befi hɔ.”