31 Ɔhene Lemuel nsɛm. Ɛyɛ nsɛm a emu yɛ duru a ne maame de yɛɛ ɔkasakyerɛ maa no:+
2 O me ba, dɛn na menka nkyerɛ wo,
O me yafunu mu ba, dɛn na menka,
Dɛn koraa na menka, O me bɔhyɛ ba?+
3 Mfa w’ahoɔden mma mmea,+
Na mfa akwan a ɛsɛe ahemfo no so.+
4 O Lemuel, ɛmfata ahemfo,
Ɛmfata ahemfo sɛ wɔbɛnom nsã,
Na ɛmfata ahemfo sɛ wobebisa sɛ, “Me nsã wɔ he?”+
5 Na wɔannom amma wɔn werɛ amfi nea wɔahyɛ ato hɔ,
Na wɔantiatia mmɔborɔwafo fahodi so.
6 Momfa nsã a ano yɛ den mma wɔn a wɔrewu,+
Na momfa nsã mma wɔn a wɔabotow.+
7 Momma wɔnnom na wɔn werɛ mfi wɔn hia;
Mommma wɔnnkae wɔn haw bio.
8 Kasa ma wɔn a wontumi nkasa,
Pere wɔn a wɔrewu no ahofadi ma wɔn.+
9 Kasa na bu atɛntrenee;
Pere mmɔborɔwafo ne ahiafo ahofadi ma wɔn.+
א [Aleph]
10 Ɔyere pa, hena na obenya?+
Ne bo yɛ den sen ɛpo mu abohene koraa.
ב [Beth]
11 Ne kunu de ne koma nyinaa gye no di,
Na adepa biara mmɔ ne kunu.
ג [Gimel]
12 Ne nkwa nna nyinaa,
Ɔde papa tua ne kunu ka, na ɛnyɛ bɔne.
ד [Daleth]
13 Ɔhwehwɛ ntama pa ne nwera;
Ɔde ne nsa yɛ adwuma anigye so.+
ה [He]
14 Ɔte sɛ oguadini ahyɛn;+
Ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba.
ו [Waw]
15 Ade nnya nkyee koraa no, na wasɔre,
Na wama ne fifo aduan,
Na ɔde ne mmaawa nso aduan ama wɔn.+
ז [Zayin]
16 Odwen asaase ho, na ɔtɔ;
Ɔde nea wabrɛ anya yɛ bobefuw.
ח [Heth]
17 Osiesie ne ho ma adwumaden,+
Na ɔhyɛ n’abasa mu den.
ט [Teth]
18 Ohu sɛ n’aguadi ma onya mfaso;
Ne kanea nnum anadwo.
י [Yod]
19 Ɔde ne nsa so asaawa donno mu,
Na ɔde ne nsa so akorokorowa mu.+
כ [Kaph]
20 Ɔteɛ ne nsa ma mmɔborɔwafo,
Na obue ne nsam ma ahiafo.+
ל [Lamed]
21 Onsuro sɛ awɔw bɛde ne fifo,
Efisɛ ne fifo nyinaa hyehyɛ ntaade a ɛma wɔn ho yɛ wɔn hyew.
מ [Mem]
22 Ɔyɛ ɔno ara ne mpasotam.
Ne ntama yɛ nwera ne ntama afasebiri.
נ [Nun]
23 Wonim ne kunu yiye wɔ kurow apon ano,+
Baabi a ɔne asaase no so mpanyimfo tena no.
ס [Samekh]
24 Ɔpam ntaade tɔn,
Na ɔde abɔso ma aguadifo.
ע [Ayin]
25 Ntama a efura no yɛ ahoɔden ne anuonyam,
Na ɔde ahotoso hwɛ daakye kwan.
פ [Pe]
26 Obue n’ano nyansam;+
Ayamye mmara wɔ ne tɛkrɛma so.
צ [Tsade]
27 Ɔhwɛ ne fifo adwuma so,
Na onni anihaw aduan.+
ק [Qoph]
28 Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no anigye;
Ne kunu sɔre, na oyi no ayɛ.
ר [Resh]
29 Mmea pii bɔ mmɔden,
Na wo de, wokyɛn wɔn nyinaa.
ש [Shin]
30 Ahoɔfɛ krabɛhwɛ betumi ayɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ tumi twam ntɛm,+
Na ɔbea a osuro Yehowa de, wobeyi no ayɛ.+
ת [Taw]
31 Momma no akatua wɔ nea ɔyɛ ho,+
Na momma ne nnwuma nyi no ayɛ wɔ kurow apon ano.+