Habakuk
3 Odiyifo Habakuk mpae a ɔbɔɔ no te sɛ awerɛhow nnwom:*
2 O Yehowa, mate wo ho asɛm.
O Yehowa, wo nnwuma yɛ me nwonwa;
Ma ɛmmra wɔ mfe no mu!*
Ma ɛnna adi wɔ mfe no mu.*
Basabasayɛ bere no du a, kae na da wo mmɔborɔhunu adi.+
N’anuonyam kataa ɔsoro,+
Na n’ayeyi hyɛɛ asaase so ma.
4 Ná Ɔhyerɛn te sɛ owia hann.+
Hann abien pue fii ne nsam bae,
Na emu na na n’ahoɔden hyɛ.
6 Ɔtew gyinae, na ɔwosow asaase.+
Ɔhwɛɛ aman no, na ɛmaa wɔn ho popoe.+
Mmepɔw a ɛwɔ hɔ daa no dwiriw gui,
Na nkoko a atim hɔ fi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+
N’akwan fi teteete.
7 Mihui sɛ amanehunu aba Kusan ntamadan mu.
Ntamadan a ɛwɔ Midian asaase so wosowee.+
8 O Yehowa, nsubɔnten nti anaa,
Nsubɔnten na ama w’abufuw redɛw anaa?
Ɛpo nti na wo bo afuw?+
9 W’agyan ho da hɔ na ayɛ krado.
W’akode* ayɛ krado sɛ ɛbɛyɛ adwuma sɛnea wɔaka ntam no.* (Sela)
Wode nsubɔnten paapae asaase mu.
10 Mmepɔw huu wo no, wɔn ho yeraw wɔn.+
Osu tɔɔ kɛse twiw faa asaase no so.
Subun de nne kɛse teɛɛm.+
Na ɛmaa ne nsa so kɔɔ soro.
11 Owia ne ɔsram gyinae wɔ wɔn tenabea kokuroo hɔ.+
W’agyan a ɛpa yerɛwyerɛw no twaam;+
Wo peaw hyerɛnee te sɛ anyinam.
12 Wode abufuw bɛfaa asaase so.
Na wode abufuw tiatiaa* amanaman no so.
13 Wufii adi sɛ worekogye wo man, sɛ worekogye nea woasra no no.
Ɔpanyin* a ɔda ɔbɔnefo
fi ano no, wububuu no pasaa.
Ofi no fapem ho daa hɔ kosii n’atifi.* (Sela)
14 Bere a wotu baa me so sɛ ahum sɛ wɔrebɛbɔ me ahwete no,
Wode n’ankasa akode hwirew n’asraafo ti mu.
Wɔn ani gyei paa sɛ wɔkɔtɛw baabi tow hyɛɛ ɔbrɛfo so.
15 Wode w’apɔnkɔ faa ɛpo mu;
Wode faa nsu pii a ɛrebu fa so mu.
Me nnompe hodwowee,+
Na me nan wosowosowee.
Nanso mɛyɛ dinn atwɛn ahohia da,+
Efisɛ ɛbɛba nkurɔfo a wɔtow hyɛ yɛn so no so.
17 Ebetumi aba sɛ borɔdɔma rengu nhwiren
Na bobe rensow aba;
Ebetumi aba sɛ wɔrennya hwee mfi ngodua so,
Na mfuw remma aduan;
Ebetumi aba sɛ nguan bɛsã wɔ nguammuw mu,
Na anantwi asã wɔ buw mu;
18 Nanso me de, medi ahurusi wɔ Yehowa mu,
Na m’ani agye me nkwagye Nyankopɔn mu.+
19 Awurade Tumfo Yehowa ne m’ahoɔden;+
Ɔbɛma me nan ayɛ sɛ ɔwansan de,
Na ɔde me bɛfa beae a ɛwɔ soro.+
Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa me sanku mmɔ.