Hosea
3 Nso me na mekyerɛɛ Efraim nantew,+ na mituruu wɔn m’abasa so.+
Nanso wɔanhu sɛ me na mesaa wɔn yare.
4 Mekɔɔ so de nnipa nhama* twee wɔn; ɔdɔ nhama na mede twee wɔn.+
Mebɛyɛɛ sɛ obi a oyi kɔndua fi wɔn kɔn* ho ma wɔn,
Na mede brɛbrɛ maa wɔn mu biara aduan.
5 Wɔrensan nkɔ Egypt asaase so bio, na Asiria na ɛbɛyɛ wɔn hene,+
Efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔsan ba me nkyɛn.+
6 Sekan bedi ahim wɔ ne nkurow mu;+
Ɛpɔw bɔne a wɔabɔ nti, sekan no bɛsɛe n’apon akyi nnade, na ɛbɛmene wɔn.+
7 Me man asi wɔn bo sɛ wɔrenni me nokware.+
Wɔfrɛɛ wɔn Ɔsorosoroni no nkyɛn,* nanso obiara ansɔre.
O Israel, mɛyɛ dɛn ayi wo ama?
Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Adma?
Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+
9 Merenyi m’abufuw adi.
Merensɛe Efraim bio,+
Efisɛ meyɛ Onyankopɔn, menyɛ onipa.
Mene Ɔkronkronni a ɔwɔ wo mu no;
Meremfa anibere mma wo so.