Numeri
30 Na Mose ka kyerɛɛ mpanyimfo+ a wɔdeda Israel mmusuakuw ano no sɛ: “Asɛm a Yehowa aka ni: 2 Sɛ ɔbarima hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ de kyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ obu so.+ Nea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nyinaa.+
3 “Na sɛ ɔbea hyɛ Yehowa bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho, na sɛ ɔyɛ ababaa a ɔte ne papa fi, 4 na sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no ne ntam a ɔde akyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no, na ne papa anka hwee a, ɛnde ababaa no bɔhyɛ no nyinaa begyina, na ntam biara a waka de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no nso begyina. 5 Nanso sɛ ne papa te sɛ wahyɛ bɔ anaa waka ntam de akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho, na papa no ampene so a, ɛrennyina. Na Yehowa de bɛkyɛ ababaa no, efisɛ ne papa ampene so.+
6 “Na sɛ ɔbea no kaa ntam no anaa ɔperee ne ho hyɛɛ bɔ de kyekyeree ne ho ansa na ɔreware, 7 na sɛ ɛda a ne kunu bɛte ho asɛm no, ne kunu no anka ho hwee a, ɛnde ne bɔhyɛ no anaa ntam a ɔde akyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no begyina. 8 Nanso, ɛda a ɔbea no kunu bɛte no, sɛ wampene so a, ɛnde sɛ ɔpɛ a, obetumi atwa ɔbea no ntam no mu. Obetumi nso atwa ɛbɔ a ɔbea no peree ne ho hyɛe de kyekyeree ne ho no mu,+ na Yehowa de bɛkyɛ ɔbea no.
9 “Nanso sɛ ɔbea kunafo anaa ɔbea a ne kunu agyaa no aware hyɛ bɔ de kyekyere ne ho a, biribiara a waka no, ɛsɛ sɛ odi so.
10 “Na sɛ bere a ɔbea te ne kunu fi no, ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam de kyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho, 11 na ne kunu tee nanso wanka ho hwee anaa wantia mu a, ɛnde ɛbɔ biara a ɔhyɛe anaa ntam biara a ɔde kyekyeree ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no begyina. 12 Nanso sɛ ɛda a okunu no tee ɛbɔ a ɔbea no ahyɛ anaa ntam a ɔkae sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no, sɛ okunu no twaa ne nyinaa mu a, ɛnde ɛrennyina.+ Ɔbea no kunu atwa mu, enti Yehowa de bɛkyɛ ɔbea no. 13 Bɔhyɛ biara anaa ntam biara a ɔbea de bɛkyekyere ne ho sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho na ɔde nneɛma bi akame ne ho* no, ɔbea no kunu na ɔbɛma agyina, na ɔbea no kunu no ara na obetumi atwa mu. 14 Nanso ade rekye a ade resa nyinaa, sɛ ɔbea no kunu anka ho hwee a, ɛnde na wama ɔbea no bɔhyɛ nyinaa anaa ɛbɔ biara a wahyɛ sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho no agyina. Nea enti a wama agyina ne sɛ, ɛda a ɔtee ɔbea no bɔhyɛ no, wanka ho hwee. 15 Nanso sɛ ɔbarima no te bɔhyɛ no, na wanka ho hwee saa da no, na akyiri yi otwa mu a, ɛnde ɔno na ɔbɛsoa ɔbea no afodi ho nsunsuanso no.+
16 “Eyi ne ahyɛde a Yehowa de maa Mose a ɛfa okunu ne ɔyere ho, ne nea ɛfa agya ne ne ba ababaa a ɔte ne fi ho.”