Genesis
16 Saa bere no, na Abram yere Sarai nwoo ba biara mmaa no,+ nanso na ɔwɔ Egyptni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar.+ 2 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo tie me. Yehowa asiw m’awo ho kwan. Enti mesrɛ wo, wo ne m’abaawa yi nna, na ebia ɔbɛwo ama me.”+ Na Abram tiee Sarai. 3 Enti Sarai de n’abaawa Hagar a ɔyɛ Egyptni no maa ne kunu Abram waree. Saa bere no, na Abram atena Kaanan asaase so mfe du. 4 Na ɔne Hagar dae, na onyinsɛnee. Bere a ohui sɛ wanyinsɛn no, afei de na n’ani nsɔ ne maame a ɔne no te no bio.
5 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “M’amanehunu yi nyinaa fi wo. Me ara na mede m’abaawa maa wo;* afei a wahu sɛ wanyinsɛn no, n’ani nsɔ me bio. Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn.” 6 Enti Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: “Hwɛ! W’abaawa no wɔ wo nsam. Nea wopɛ biara, fa yɛ no.” Ɛnna Sarai dii n’ani ara ma oguan fii ne nkyɛn.
7 Akyiri yi, Yehowa bɔfo huu no wɔ abura bi ho wɔ sare so wɔ Sur+ kwan so. 8 Na obisaa no sɛ: “Sarai abaawa Hagar, ɛhe na wufi na ɛhe na worekɔ?” Obuae sɛ: “Mifi me maame Sarai nkyɛn na mereguan.” 9 Afei Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “San kɔ wo maame no nkyɛn na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”* 10 Ɛnna Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛma w’asefo* adɔɔso paa, na obiara rentumi nkan wɔn.”+ 11 Yehowa bɔfo no toaa so sɛ: “Seesei woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima, na to no din Ismael,* efisɛ amanehunu a worefa mu no, Yehowa ate. 12 Wo ba no bɛyɛ sɛ sare so afurum.* Na ɔbɛko atia obiara, na obiara bɛko atia no; baabi a ɔbɛtena no, ɔne ne nuanom nyinaa bedi nhwɛanim.”*
13 Ɛnna ɔbɔɔ Yehowa a ɔne no kasae no din frɛɛ no kae sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wuhu ade ampa.”+ Na ɔkae sɛ: “Enti m’ani paa na mede ahu nea ohu me no?” 14 Ɛno nti wɔfrɛɛ abura no Beer-Lahai-Roi.* (Ɛwɔ Kades ne Bered ntam.) 15 Na Hagar woo ɔbabarima maa Abram, na Abram too ne ba no din Ismael.+ 16 Bere a Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe 86.