Hosea
O Israel fi, monyɛ aso,
O ɔhene fifo, muntie,
Na atemmu no fa mo ho;
Efisɛ moyɛ afiri ma Mispa,
3 Minim Efraim,
Na Israel nso, m’ani tua no.
Na wo, O Efraim, woabɔ aguaman;
Israel agu ne ho fĩ.+
4 Wɔn nneyɛe nti, wontumi nsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,
Efisɛ aguamammɔ* honhom wɔ wɔn mu;+
Na wɔmfa Yehowa nyɛ hwee.
5 Israel ahantan adi adanse atia no;*+
Israel ne Efraim nyinaa bɔne ama wɔahintiw,
Na Yuda nso ne wɔn ahintiw.+
6 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛɛ Yehowa,
Nanso wɔanhu no,
Efisɛ na watwe ne ho afi wɔn ho.+
Enti bosome baako bɛmene wɔne wɔn agyapade* nyinaa.*
8 Mommɔ abɛn+ wɔ Gibea, monhyɛn torobɛnto wɔ Rama!+
Monteɛm denneennen wɔ Bet-Awen;+ O Benyamin, di anim!
9 O Efraim, da a wɔbɛtwe w’aso no, nkurɔfo behu wo abɔ hu,+
Mama Israel mmusuakuw ahu nea ɛbɛba wɔn so ɔkwan biara so.
10 Yuda abirɛmpɔn te sɛ wɔn a wopiapia ɔhye.+
Mehwie m’abufuw agu wɔn so te sɛ nsu.
12 Enti meyɛe sɛ nwewemmoa maa Efraim,
Na meyɛe sɛ ɔporɔw maa Yuda fi.
13 Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru no,
Efraim kɔɔ Asiria,+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse bi nkyɛn.
Nanso wantumi ansa mo yare,
Na wantumi amma mo kuru no anwu.
Sɛ ebi kã wɔn ani a, wɔbɛhwehwɛ m’akyi kwan.”+