Wɔde ma dwom kyerɛfo; ɔkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam. Saa bere no na Saul somae sɛ wɔnkɔtetɛw Dawid fi na wonkum no.+
59 O me Nyankopɔn, gye me fi m’atamfo nsam;+
Bɔ me ho ban fi wɔn a wɔsɔre tia me no ho.+
2 Gye me fi amumɔyɛfo nsam,
Na gye me fi awudifo nsam.
3 Hwɛ! Wɔtetɛw me;+
O Yehowa, ahoɔdenfo tow hyɛ me so,
Nanso mentew atua na menyɛɛ bɔne biara.+
4 Minnii mfomso biara, nanso wɔyɛ ntɛm boaboa wɔn ho sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so.
Sɛ mefrɛ wo a sɔre na twa w’ani bɛhwɛ me.
5 O asafo Yehowa Nyankopɔn, wone Israel Nyankopɔn.+
Sɔre bɛhwɛ nea amanaman no nyinaa reyɛ.
Nkontompofo a wɔn tirim yɛ sum no, nhu wɔn mmɔbɔ.+ (Sela)
6 Wɔba anwummere biara;+
Wopow sɛ ɔkraman,+ na wotwa kurow no ho hyia.+
7 Hwɛ nsɛm a wɔde wɔn ano keka;
Wɔn anom asɛm te sɛ sekan;+
Wɔka sɛ: “Hena na ɔretie?”+
8 Nanso wo, Yehowa, wobɛserew wɔn;+
Wubedi amanaman nyinaa ho fɛw.+
9 O Onyankopɔn, wone m’ahoɔden, na wo na m’ani da wo so;+
Onyankopɔn ne me guankɔbea.+
10 Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me no betwitwa agye me;+
Onyankopɔn bɛma m’atamfo ahwe ase ama madi ahurusi.+
11 Nkum wɔn na me man werɛ amfi wo nnwuma.
Wo tumi nti ma wɔmmɔ asesa;
O Yehowa, yɛn kyɛm, ma wɔnhwe ase.+
12 Wɔde wɔn ano yɛ bɔne keka nsɛm,
Enti ma wɔn ahantan nsum wɔn afiri,+
Efisɛ wɔdome nkurɔfo na wɔka nnaadaasɛm.
13 Fa abufuw yɛ wɔn pasaa;+
Yɛ wɔn pasaa na wɔn ase nhyew;
Ma wonhu sɛ Onyankopɔn na odi Yakob so kosi asaase ano noho.+ (Sela)
14 Ma wɔmmra anwummere;
Ma wompow sɛ ɔkraman, na wontwa kurow no ho nhyia.+
15 Ma wɔnnantenantew basabasa nhwehwɛ wɔn ano aduan;+
Mma wɔmmmee, na mma wonnnya baabi nntena.
16 Me de, mɛto w’ahoɔden ho dwom.+
Anɔpa, mede anigye bɛka wo dɔ a enni huammɔ no ho asɛm.
Efisɛ wone me hintabea+
Ne m’ahohia bere mu guankɔbea.+
17 Wone m’ahoɔden, na wo na mɛto ayeyi nnwom ama wo;+
Onyankopɔn ne me guankɔbea, Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me no.+