Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No.
130 O Yehowa, mifi bon mu su frɛ wo.+
2 O Yehowa, tie me nne.
Yɛ aso tie me nkotosrɛ.
3 O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a,
O Yehowa, anka hena na obetumi agyina w’anim?+
4 Wo na wode bɔne kyɛ koraa+
Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa besuro wo.+
5 M’ani da Yehowa so; mede me werɛ nyinaa ahyɛ ne mu;
N’asɛm na m’ani da so.
6 Sɛnea meretwɛn Yehowa denneennen no,+
Ɛkyɛn awɛmfo a wɔretwɛn adekyee;+
Ampa, ɛkyɛn awɛmfo a wɔretwɛn adekyee.
7 Momma Israel ntwɛn Yehowa,
Efisɛ Yehowa dɔ nni huammɔ,+
Na ɔwɔ tumi kɛse a ɔde gye nkwa.
8 Obegye Israel afi wɔn mfomso nyinaa mu.